1 Kings 8:65-66

65Na Salomo ne Israel nyinaa bɔɔ mu, dii Guankɔbea Afahyɛ wɔ Awurade, wɔn Nyankopɔn, anim. Nnipadɔm no fi Lebo Hamat
Lebo Hamat: Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ɛha ase sɛ, na nnipadɔm aboaboa wɔn ho ano akyirikyiri baabi te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kosi asuwa bi a ɛwɔ Misraim a ɛkɔ anafo fam no.
wɔ atifi fam kosi Misraim asuwa wɔ anafo fam, na wɔbae. Afahyɛ yi kɔɔ so ara nnafua dunan. Emu nnanson na wɔde daa afɔremuka no adi, na wɔde mu nnanson nso dii Guankɔbea Afahyɛ no.
66Afahyɛ no twaa mu no, Salomo maa ɔmanfo no kɔɔ wɔn kurom. Wɔrekɔ no nyinaa na wɔrehyira ɔhene no. Na wɔn nyinaa nyaa ahosɛpɛw ne ahotɔ, efisɛ Awurade ne ne somfo Dawid ne Israelfo adi no yiye.
Copyright information for TwiAKNA